22 Mɛyi me ho adi akyerɛ wo hɔ, na me ne wo bɛkasa mmuasoɔ+ no so wɔ kerubim mmienu a wɔwɔ adanseɛ adaka no soɔ no ntam. Ɛhɔ na mɛkyerɛ wo ahyɛdeɛ a mede bɛma Israel nyinaa.+
4 Enti ɔman no soma kɔɔ Silo kɔfaa asafo Yehowa a ɔte kerubim+ soɔ no apam adaka no baeɛ. Ná Eli mma mmarima mmienu no, Hofni ne Finehas, wɔ nokorɛ Nyankopɔn apam adaka no ho.+