27 Dawid sɔreeɛ, na ɔne ne mmarima no siim kɔkunkum+ Filistifoɔ mmarima ahanu, na Dawid de wɔn dua ano wedeɛ+ baeɛ, na wɔkan maa no soeɛ, na ɔde maa ɔhene, na ɔbɛyɛɛ ɔhene ase. Na Saul de ne babaa Mikal maa no awareɛ.+
14 Bio nso Dawid tuu abɔfoɔ kɔɔ Saul ba Is-Boset+ nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Fa me yere Mikal a mede Filistifoɔ mmarima ɔha dua ano wedeɛ+ gyee no awareɛ no ma me.”