Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Deuteronomium 32:43
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 43 Amanaman, mo ne ne man ani nnye,+

      Ɔbɛtua n’atamfo ka,+

      Ɔbɛbisa ne nkoa mogya afiri wɔn nsam,+

      Na ɔbɛpata ama ne nkurɔfoɔ asase.”

  • Atemmufoɔ 9:57
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 57 Na Onyankopɔn maa Sekemfoɔ bɔne nyinaa baa wɔn ara tiri so, na Yerubaal+ ba Yotam+ nnome+ no baa wɔn so.+

  • 2 Samuel 1:16
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 16 Afei Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo ara wo mogya ho afɔdie bɛgu w’atifi+ ɛfiri sɛ w’ano na adi adanseɛ atia wo+ sɛ, ‘Me ara na mekum deɛ Yehowa asra no’ no.”+

  • 1 Ahemfo 2:37
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 37 Na ɛda a wobɛfiri adi akɔtwa Kidron subɔn+ no, hunu sɛ owuo na wobɛwuo.+ Mogya ho afɔdie bɛgu wo ara w’atifi.”+

  • Dwom 7:16
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 16 Ɔno ara ne tiri so na ne haw bɛba,+

      Na n’apampam na ne basabasayɛ bɛba.+

  • Dwom 55:23
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 23 Na wo, Onyankopɔn, wo na wode wɔn bɛkɔ amena mu tɔnn.+

      Mogyapɛfoɔ ne nkontompofoɔ renni wɔn nna mu fã.+

      Na me deɛ, mede me ho bɛto wo so.+

  • Dwom 94:23
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 23 Ɔbɛma wɔn amumuyɔsɛm adane aba wɔn so,+

      Na wɔn mmusuo na ɔde bɛma wɔaka wɔn ano atom.+

      Yɛn Nyankopɔn Yehowa bɛma wɔaka wɔn ano atom.+

  • Mmebusɛm 5:22
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 22 Ɔbɔnefoɔ deɛ, ɔno ara n’amumuyɔ na ɛbɛyi no,+ na ɔno ara bɔne nhoma na ɛbɛkyekyere no.+

  • Mmebusɛm 28:17
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 17 Onipa a ɔkra mogya ho afɔdie da ne so no, ɔbɛdwane ara akɔtɔ amena mu.+ Mma obiara nnsɔ ne mu.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane