Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Yosua 2:19
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 19 Na obiara a ɔbɛfiri fie yi mu akɔ abɔnten no,+ ne mogya bɛgu ne tiri so, na yɛrenni fɔ. Na obiara a ɔwɔ wo nkyɛn wɔ fie ha deɛ, sɛ obi de ne nsa ka no a, ne mogya bɛba yɛn tiri so.

  • Atemmufoɔ 9:24
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 24 na ama amumuyɔsɛm a Abimelek de dii Yerubaal mma aduɔson no adane aba+ ne so na wɔn mogya abɛgu ne tiri so, ɛfiri sɛ ɔno na ɔkum wɔn.+ Na ɛbɛgu Sekem mmarima nso tiri so, ɛfiri sɛ wɔn na wɔhyɛɛ ne nsam den+ maa no kum ne nuanom.

  • 2 Samuel 4:11
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 11 na sɛ nnipa abɔnefoɔ+ akɔkum ɔteneneeni ɔno ara ne fie wɔ ne mpa so a, ɛnneɛ ɛdeɛn na mɛyɛ wɔn? Meremmisa ne mogya mfiri mo nsam+ anaa, na merenyi mo mfiri asase so?”+

  • 1 Ahemfo 2:37
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 37 Na ɛda a wobɛfiri adi akɔtwa Kidron subɔn+ no, hunu sɛ owuo na wobɛwuo.+ Mogya ho afɔdie bɛgu wo ara w’atifi.”+

  • Hesekiel 18:13
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 13 Sɛ ɔbɔ bosea gye apempensika+ ne nsiho+ a, ɔrennya nkwa. Ɛsiane sɛ wayɛ akyiwadeɛ yi nyinaa bie nti,+ kum na wɔbɛku no. Ɔno ara ne mogya bɛbua ne tiri so.+

  • Asomafoɔ Nnwuma 18:6
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 6 Berɛ a wɔne no dii asie na wɔkasa tiaa no+ no, ɔporoporoo n’atadeɛ mu+ ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo mogya+ ngu mo ara mo atifi. Me deɛ, me ho afi.+ Ɛfiri nnɛ merekɔ amanaman mufoɔ nkyɛn.”+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane