2 Samuel 15:20 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 20 Nnora na wobaeɛ, na adɛn nti na ɛsɛ sɛ ɛnnɛ mema wo ne yɛn kɔkyinkyini+ baabiara a mɛkorɔ? San w’akyi kɔ, wo ne wo nuanom. Yehowa ne wo nni no adɔeɛ+ ne nokorɛdie+ so!” Dwom 40:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 O Yehowa, mfa wo mmɔborɔhunu nkame me.+Ma w’adɔeɛ ne wo nokorɛ mmɔ me ho ban daa nyinaa.+ Dwom 57:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Ɔbɛsoma afiri soro abɛgye me.+Ɔbɛma deɛ ɔrepɛ me amene me no adwene atu afra.+ Sela.Onyankopɔn bɛsoma n’adɔeɛ ne ne nokorɛ.+
20 Nnora na wobaeɛ, na adɛn nti na ɛsɛ sɛ ɛnnɛ mema wo ne yɛn kɔkyinkyini+ baabiara a mɛkorɔ? San w’akyi kɔ, wo ne wo nuanom. Yehowa ne wo nni no adɔeɛ+ ne nokorɛdie+ so!”
3 Ɔbɛsoma afiri soro abɛgye me.+Ɔbɛma deɛ ɔrepɛ me amene me no adwene atu afra.+ Sela.Onyankopɔn bɛsoma n’adɔeɛ ne ne nokorɛ.+