19 Na Yehowa honhom baa ne so,+ na ɔkɔɔ Askelon+ kɔkunkum wɔn mmarima aduasa, na ɔyii wɔn ntadeɛ maa wɔn a wɔkyerɛɛ aborɔme no ase no.+ Na ɔde abufuo kɔɔ ne papa fie.
25 Enti Yehosafat ne ne nkurɔfoɔ no bɛfom wɔn ho asadeɛ+ no, na wɔhunuu nneɛma ne ntadeɛ ne anwenneɛ a ɛsom bo pii wɔ wɔn ho; wɔyiyi faeɛ kɔsii sɛ wɔantumi ansoa bio.+ Nnansa na wɔde fom nneɛma no, ɛfiri sɛ na ɛdɔɔso.