10Afei berɛ a Yerusalem hene Adoni-Sedek tee sɛ Yosua ako afa Ai,+ na wasɛe+ Ai ne ne hene+ sɛdeɛ ɔyɛɛ Yeriko+ ne ne hene,+ na Gibeonfoɔ ne Israel akɔyɛ asomdwoeɛ apam+ na wɔne wɔn teɛ no,
8 Berɛ a wɔduruu ɛboɔ kɛseɛ a ɛwɔ Gibeon+ ho no, Amasa+ bɛhyiaa wɔn. Ná Yoab hyɛ atadeɛ de biribi abɔ ne mu, na ɔde nkrantɛ ahyɛ ne bɔha mu bɔ n’asene. Ɔrekɔ no, ɛfiri tɔeɛ.
3 Ɛnna Solomon ne asafo a wɔka ne ho nyinaa kɔɔ sorɔnsorɔmmea a ɛwɔ Gibeon+ no; ɛhɔ na na nokorɛ Nyankopɔn ahyiaeɛ ntomadan+ a Yehowa akoa Mose+ yɛɛ no serɛ soɔ no wɔ.
21 Yehowa bɛsɔre agyina sɛdeɛ ɔyɛɛ no Bepɔ Perasim+ soɔ no, na ɔbɛwoso ne ho sɛdeɛ ɔyɛɛ no Gibeon+ asasetamaa soɔ no. Ɔbɛyɛ anwanwadeɛ bi, na ɔbɛdi dwuma soronko bi.+