Genesis 32:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Yakob hunuu wɔn no, ɔkaa sɛ: “Onyankopɔn asafo asoɛeɛ nie!”+ Enti ɔtoo hɔ din Mahanaim.+ Yosua 13:30 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 30 Wɔn hyeɛ firi Mahanaim+ ne Basan nyinaa, ne Basan hene Og ahemman nyinaa,+ ne Yair+ nkuraa-nkuraa a ɛwowɔ Basan nyinaa; nkuro no yɛ aduosia. 2 Samuel 17:24 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 24 Dawid kɔɔ Mahanaim,+ na Absalom nso kɔtwaa Yordan, ɔne Israel mmarima a wɔka ne ho nyinaa.
30 Wɔn hyeɛ firi Mahanaim+ ne Basan nyinaa, ne Basan hene Og ahemman nyinaa,+ ne Yair+ nkuraa-nkuraa a ɛwowɔ Basan nyinaa; nkuro no yɛ aduosia.