4 Na Dawid san bisaa no sɛ: “Nneɛma kɔɔ so sɛn? Mesrɛ wo, ka kyerɛ me.” Na ɔkaa sɛ: “Ɔman no adwane afiri akono hɔ, na wɔn mu pii atotɔ na wɔawuwu;+ Saul+ ne ne ba Yonatan+ nso awuwu.”
6 Ɛnna aberanteɛ a ɔbɛka kyerɛɛ no no kaa sɛ: “Mekɔpuee Bepɔ Gilboa+ so, na mehunuu sɛ Saul twere ne pea,+ na hwɛ! ná nteaseɛnam sotefoɔ ne apɔnkɔsotefoɔ no ato no awie.+