Leviticus 23:34 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 34 “Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ, ‘Bosome a ɛtɔ so nson yi da a ɛtɔ so 15 no yɛ Apata* Afahyɛ ma Yehowa, na nnanson na mode bɛdi.+ Leviticus 23:42 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 42 Montenatena apata ase nnanson.+ Ɛsɛ sɛ Israel man mma nyinaa tenatena apata ase, Deuteronomium 16:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 “Sɛ woboaboa wo nnɔbaeɛ ne wo ngo ne wo nsã* ano a, di Apata* Afahyɛ no nnanson.+ Deuteronomium 16:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 “Afe biara mmarima a wɔwɔ mo mu nyinaa bɛba abɛgyina Yehowa mo Nyankopɔn anim mprɛnsa wɔ baabi a ɔbɛyi ama moadi Paanoo a Mmɔka Nnim Afahyɛ,+ Nnawɔtwe Afahyɛ,+ ne Apata* Afahyɛ+ no. Na ɛnsɛ sɛ wɔn mu biara de nsapan ba Yehowa anim. Yohane 7:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Nanso na Yudafoɔ Apata* Afahyɛ+ no abɛn.
34 “Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ, ‘Bosome a ɛtɔ so nson yi da a ɛtɔ so 15 no yɛ Apata* Afahyɛ ma Yehowa, na nnanson na mode bɛdi.+
16 “Afe biara mmarima a wɔwɔ mo mu nyinaa bɛba abɛgyina Yehowa mo Nyankopɔn anim mprɛnsa wɔ baabi a ɔbɛyi ama moadi Paanoo a Mmɔka Nnim Afahyɛ,+ Nnawɔtwe Afahyɛ,+ ne Apata* Afahyɛ+ no. Na ɛnsɛ sɛ wɔn mu biara de nsapan ba Yehowa anim.