-
Nehemia 8:14-18Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
14 Ɛnna wɔhuu sɛ wɔatwerɛ no Yehowa Mmara a ɔde faa Mose so no mu sɛ, sɛ Israelfoɔ redi bosome a ɛtɔ so nson no mu afahyɛ no a, wɔntenatena apata* ase,+ 15 na ɛsɛ sɛ wɔbɔ dawuro+ na wɔpae mu ka wɔ wɔn nkuro nyinaa mu ne Yerusalem baabiara sɛ: “Monkɔ mmepɔ no so nkɔpɛ ngodua mman, nku dua mman, ohwadua mman, ɛberɛ, ne nnua foforɔ mman mfa mmɛbɔ apata sɛdeɛ wɔatwerɛ no.”
16 Ɛnna ɔman no firii adi kɔpɛɛ bi baeɛ, na wɔde bobɔɔ apata, obiara bɔɔ ne deɛ wɔ ne dan atifi ne n’adihɔ ne nokorɛ Nyankopɔn no fie adihɔ+ ne mmɔnten so wɔ baabi a ɛbembɛn Nsuo Pono+ no ne Efraim Pono+ no. 17 Enti wɔn a wɔasan aba wɔn man mu no nyinaa bobɔɔ apata, na wɔtenatenaa apata no mu. Ɛfiri Nun ba Yosua+ nna no mu bɛsi saa da no, na Israelfoɔ nyɛɛ saa da, na ɛmaa wɔdii ahurisie kɛse.+ 18 Na ɛfiri da a ɛdi kan kɔsi da a ɛtwa toɔ no, da biara na wɔkenkan nokorɛ Nyankopɔn no Mmara+ nwoma no; wɔdii afahyɛ no nnanson, na da a ɛtɔ so nwɔtwe no, wɔyɛɛ nhyiamu titire sɛdeɛ mmara no kyerɛ.+
-