Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Exodus 23:16
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 16 Afei Otwa Afahyɛ* no, monni no berɛ a mode twa mo afuo mu nneɛma a ɛdi kan no mu.+ Anoboaboa Afahyɛ* no nso, monni no afe no awieeɛ, berɛ a moboaboa mo nnɔbaeɛ a ɛtwa toɔ ano firi afuo mu no.+

  • Leviticus 23:34-36
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 34 “Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ, ‘Bosome a ɛtɔ so nson yi da a ɛtɔ so 15 no yɛ Apata* Afahyɛ ma Yehowa, na nnanson na mode bɛdi.+ 35 Ɛda a ɛdi kan no yɛ nhyiamu kronkron, na ɛnsɛ sɛ moyɛ adwumaden biara. 36 Momfa nnanson mmɔ afɔreɛ a wɔde gya hye mma Yehowa. Ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no yɛ nhyiamu kronkron ma mo,+ na mommɔ afɔreɛ a wɔde gya hye mma Yehowa. Ɛyɛ nhyiamu titire. Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwumaden biara.

  • Deuteronomium 16:13-15
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 13 “Sɛ woboaboa wo nnɔbaeɛ ne wo ngo ne wo nsã* ano a, di Apata* Afahyɛ no nnanson.+ 14 Ɛduru afahyɛ berɛ yi a, ma w’ani nnye,+ wo ne wo babarima, wo babaa, w’akoa ne w’afenaa, Lewini, ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ wo mu, agyanka, ne okunafoɔ a ɔwɔ wo kurom no. 15 Di afahyɛ no nnanson+ fa hyɛ Yehowa wo Nyankopɔn animuonyam wɔ baabi a Yehowa bɛyi no, ɛfiri sɛ Yehowa wo Nyankopɔn bɛhyira wo nnɔbaeɛ+ ne deɛ woyɛ nyinaa so. Enti deɛ wobɛyɛ ara ne sɛ wobɛma w’ani agye.+

  • Nehemia 8:14-18
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 14 Ɛnna wɔhuu sɛ wɔatwerɛ no Yehowa Mmara a ɔde faa Mose so no mu sɛ, sɛ Israelfoɔ redi bosome a ɛtɔ so nson no mu afahyɛ no a, wɔntenatena apata* ase,+ 15 na ɛsɛ sɛ wɔbɔ dawuro+ na wɔpae mu ka wɔ wɔn nkuro nyinaa mu ne Yerusalem baabiara sɛ: “Monkɔ mmepɔ no so nkɔpɛ ngodua mman, nku dua mman, ohwadua mman, ɛberɛ, ne nnua foforɔ mman mfa mmɛbɔ apata sɛdeɛ wɔatwerɛ no.”

      16 Ɛnna ɔman no firii adi kɔpɛɛ bi baeɛ, na wɔde bobɔɔ apata, obiara bɔɔ ne deɛ wɔ ne dan atifi ne n’adihɔ ne nokorɛ Nyankopɔn no fie adihɔ+ ne mmɔnten so wɔ baabi a ɛbembɛn Nsuo Pono+ no ne Efraim Pono+ no. 17 Enti wɔn a wɔasan aba wɔn man mu no nyinaa bobɔɔ apata, na wɔtenatenaa apata no mu. Ɛfiri Nun ba Yosua+ nna no mu bɛsi saa da no, na Israelfoɔ nyɛɛ saa da, na ɛmaa wɔdii ahurisie kɛse.+ 18 Na ɛfiri da a ɛdi kan kɔsi da a ɛtwa toɔ no, da biara na wɔkenkan nokorɛ Nyankopɔn no Mmara+ nwoma no; wɔdii afahyɛ no nnanson, na da a ɛtɔ so nwɔtwe no, wɔyɛɛ nhyiamu titire sɛdeɛ mmara no kyerɛ.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane