-
Deuteronomium 31:10-12Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
10 Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mfeɛ nson biara, berɛ a wɔde ɛka kyɛ no,+ sɛ ɛduru Apata* Afahyɛ no so a,+ 11 Israel nyinaa bɛba Yehowa mo Nyankopɔn anim+ wɔ baabi a ɔbɛkyerɛ, na moakan Mmara yi akyerɛ Israelfoɔ nyinaa.+ 12 Mommoaboa ɔman no nyinaa ano,+ mmarima, mmaa, mmɔfra, ne ahɔhoɔ a wɔwɔ mo nkuro* mu nyinaa, na wɔntie na wɔnsua Yehowa mo Nyankopɔn ho adeɛ na wɔnsuro no, na wɔnni Mmara yi mu nsɛm nyinaa so.
-