40 sɛdeɛ na Yehowa nam Mose so aka akyerɛ no no. Ɛyɛ biribi a na ɛbɛkae Israelfoɔ no sɛ, ɛnsɛ sɛ obi a wɔmmaa no kwan, kyerɛ sɛ, obi a ɔmfiri Aaron abusua mu hye aduhwam wɔ Yehowa anim.+ Afei nso, na ɛbɛkae wɔn na obiara anyɛ sɛ Kora ne n’akyitaafoɔ no.+