-
Leviticus 16:1, 2Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
16 Berɛ a Aaron mma mmienu no amfa kwampa so amma Yehowa anim a enti wɔwuwuiɛ no,+ akyire yi, Yehowa ne Mose kasaeɛ. 2 Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Ka kyerɛ wo nua Aaron sɛ ɔrentumi mma kronkronbea hɔ na ɔnwura mu nkɔ ntwamutam no akyi+ wɔ Adaka no mmuasoɔ anim berɛ biara a ɔpɛ,+ anyɛ saa a ɔbɛwu,+ ɛfiri sɛ mɛyi me ho adi mununkum mu+ wɔ mmuasoɔ no+ so.
-