34 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Fa nnuhwam+ yi na susu ne nyinaa pɛ: stakiti, onika, galbanum, ne ɛhyɛ* papa. 35 Fa ne nyinaa fra yɛ aduhwam;+ ɛsɛ sɛ mofra no yie paa* na mohyɛ no nkyene,+ na ɛyɛ aduhwam kronkron a wɔmfraa mu.
12 “Afei afɔrebukyia a ɛwɔ Yehowa anim no, ɔnyi nnyasramma a ɛwɔ so no bi ngu kyɛnsee a wɔde egya gu mu mu,+ na ɔmfa aduhwam a wɔasi no muhumuhu+ nsa ma mmienu nka ho nwura mu nkɔ ntwamutam no+ akyi.