15 Na ma wɔmfa aboa no nan a ɛyɛ afɔrebɔdeɛ kronkron no ne ne koko a wɔbɛhim de abɔ afɔreɛ no ne aboa no sradeɛ a wɔde gya bɛhye no mmra, na wɔnhim no Yehowa anim. Aboa no nan ne ne koko no bɛyɛ wo ne wo mma a wɔka wo ho no kyɛfa daa,+ sɛdeɛ Yehowa aka no.”