Atemmufoɔ 13:24 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 24 Akyire yi ɔbaa no woo ɔbabarima na ɔtoo ne din Samson.+ Abɔfra no nyiniiɛ, na Yehowa kɔɔ so hyiraa no.+ 1 Samuel 2:26 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 26 Saa berɛ no nyinaa na abɔfra Samuel gu so renyini, na Yehowa ne nnipa nyinaa pɛɛ n’asɛm.+ 1 Samuel 3:19 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 19 Na Samuel nyiniiɛ, na Yehowa dii n’akyi,+ na wamma ne nsɛm mu biara antɔ fam.+ Luka 1:80 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 80 Na abɔfra kumaa no nyini+ yɛɛ den honhom mu, na ɔtenaa serɛ so kɔsii da a ɔyii ne ho adi kyerɛɛ Israel. Luka 2:52 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 52 Na Yesu kɔɔ so nyini nyaa nyansa,+ na ɔnyaa Onyankopɔn ne nnipa anim adom.+
24 Akyire yi ɔbaa no woo ɔbabarima na ɔtoo ne din Samson.+ Abɔfra no nyiniiɛ, na Yehowa kɔɔ so hyiraa no.+
80 Na abɔfra kumaa no nyini+ yɛɛ den honhom mu, na ɔtenaa serɛ so kɔsii da a ɔyii ne ho adi kyerɛɛ Israel.