Mmebusɛm 13:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Onyansafoɔ mmara yɛ nkwa asutire,+ ɛdane onipa firi owuo mfidie ho.+ Yesaia 3:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Wɔn anim yɛbea bu wɔn fɔ,+ na wɔda wɔn bɔne adi te sɛ Sodom;+ wɔntumi mfa nsie. Wɔn kra nnue, ɛfiri sɛ wɔde mmusuo aba wɔn ara wɔn so.+ Yeremia 8:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Wɔn ani wuu sɛ wɔyɛɛ akyiwadeɛ anaa?+ Asɛm no ne sɛ, wɔn ani anwu koraa, na wɔnnim fɛreɛ nso.+ “‘Ɛno nti, wɔbɛfra atɔfoɔ mu atotɔ, na akontabuo da no,+ wɔbɛsuntisunti,’ Yehowa na aka.+ Filipifoɔ 3:19 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 19 na wɔn awieeɛ yɛ ɔsɛeɛ,+ na wɔn nyame ne wɔn yafunu,+ na wɔn animuonyam wɔ wɔn aniwuo mu,+ na wɔde wɔn adwene asi asase so nneɛma so.+
9 Wɔn anim yɛbea bu wɔn fɔ,+ na wɔda wɔn bɔne adi te sɛ Sodom;+ wɔntumi mfa nsie. Wɔn kra nnue, ɛfiri sɛ wɔde mmusuo aba wɔn ara wɔn so.+
12 Wɔn ani wuu sɛ wɔyɛɛ akyiwadeɛ anaa?+ Asɛm no ne sɛ, wɔn ani anwu koraa, na wɔnnim fɛreɛ nso.+ “‘Ɛno nti, wɔbɛfra atɔfoɔ mu atotɔ, na akontabuo da no,+ wɔbɛsuntisunti,’ Yehowa na aka.+
19 na wɔn awieeɛ yɛ ɔsɛeɛ,+ na wɔn nyame ne wɔn yafunu,+ na wɔn animuonyam wɔ wɔn aniwuo mu,+ na wɔde wɔn adwene asi asase so nneɛma so.+