1 Samuel
anaa, sɛdeɛ Hela Septuagint kyerɛ no, AHEMFO NWOMA A ƐDI KAN
1 Ná ɔbarima bi wɔ hɔ a ɔfiri Ramataim-Sofim,+ Efraim+ bepɔ so a ne din de Elkana.+ Ɔyɛ Suf+ ba Tohu ba Elihu ba Yeroham ba; ɔyɛ Efraimni. 2 Ná ɔwɔ yerenom mmienu, baako din de Hanah, na baako nso din de Penina. Ná Penina wɔ mma, na Hanah deɛ, ɔnni ba.+ 3 Afe biara, ɔbarima yi firi ne kurom kɔ sɛ ɔrekɔkoto+ na wabɔ afɔdeɛ ama asafo Yehowa wɔ Silo.+ Ɛhɔ na na Eli mma mmienu, Hofni ne Finehas,+ di Yehowa asɔfoɔ.+
4 Na da biara a Elkana bɛbɔ afɔdeɛ no, ɔma ne yere Penina ne ne mma mmarima ne ne mma mmaa nyinaa kyɛfa, obiara ne ne deɛ;+ 5 na Hanah deɛ, ɔma no kyɛfa baako. Hanah na na ɔdɔ no,+ nanso na Yehowa ato ne yafunu mu.+ 6 Ne kora no nso yii no ahi+ sɛ ɔde bɛhuru ne bo, ɛfiri sɛ Yehowa ato ne yafunu mu. 7 Saa na na ɔyɛ no afe biara;+ berɛ biara, sɛ ɔforo kɔ Yehowa fie+ a, saa ara na ɔyi no ahi, ɛno nti ɔsũ, na ɔnnidi. 8 Ɛnna ne kunu Elkana ka kyerɛɛ no sɛ: “Hanah, adɛn nti na wosu, na adɛn nti na wonnidie, na adɛn nti na w’akoma abotoɔ?+ Menyɛ mma wo nsene mma mmarima du+ anaa?”
9 Berɛ a wɔdidii Silo na wɔnom wieeɛ no, Hanah sɔreeɛ, nso na ɔsɔfoɔ Eli te adwa so Yehowa asɔrefie+ no aponnwa ho. 10 Ná ne kra werɛ aho,+ na ɔbɔɔ Yehowa mpaeɛ,+ na ɔsuu pii.+ 11 Na ɔkaa ntam+ sɛ: “O asafo Yehowa, sɛ wohwɛ w’afenaa amanehunu+ na wokae me,+ na wo werɛ amfiri w’afenaa, na woma w’afenaa ɔbabarima a, ɛnneɛ mede no bɛma Yehowa ne nkwa nna nyinaa, na yiwan renka ne ti.”+
12 Berɛ a ɔgu so rebɔ mpaeɛ tenteenten+ Yehowa anim no nyinaa, na Eli rehwɛ n’ano. 13 Hanah deɛ, ɔkasaa n’akoma mu,+ na n’ano na ɔbesebeseeɛ; ne nne deɛ, wɔante. Nanso Eli buu no sɛ waboro nsã.+ 14 Ɛnna Eli ka kyerɛɛ no sɛ: “Da bɛn na wobɛboro nsã akɔsie?+ Yi wo nsã no firi w’ani so.” 15 Na Hanah buaa sɛ: “Ɛnte saa, me wura! Meyɛ ɔbaa a me honhom abotoɔ; bobesa ne mmosã deɛ, mennom bi, na mmom merehwie me kra agu Yehowa anim.+ 16 Mmu w’afenaa ɔbaa huhuni,+ ɛfiri sɛ me haw ne m’awerɛhoɔ dodoɔ mu na makasa abɛsi sɛsɛɛ yi.”+ 17 Ɛnna Eli buaa sɛ: “Fa asomdwoeɛ kɔ,+ na Israel Nyankopɔn mma wo w’abisadeɛ a wode too n’anim no.”+ 18 Na ɔno nso kaa sɛ: “Ma w’afenaa nnya w’anim adom.”+ Na ɔsiim kɔ kɔdidiiɛ,+ na n’anim ammoto bio.+
19 Na wɔsɔree anɔpatutuutu kɔkotoo Yehowa anim, na wɔsan baa wɔn fie wɔ Rama.+ Na Elkana kɔɔ ne yere Hanah ho,+ na Yehowa kaee no.+ 20 Na afe kɔ bɛhyiaeɛ no, Hanah nyinsɛneeɛ, na ɔwoo ɔbabarima, na ɔtoo ne din+ Samuel, ɛfiri sɛ ɔkaa sɛ, “Yehowa nkyɛn na mesrɛɛ+ no.”
21 Berɛ duruiɛ, na ɔbarima Elkana ne ne fiefoɔ nyinaa kɔɔ sɛ ɔrekɔbɔ afirinhyia afɔdeɛ ama Yehowa+ na ɔde ne bɔhyɛ adeɛ ama.+ 22 Na Hanah deɛ, wankɔ,+ na ɔka kyerɛɛ ne kunu sɛ: “Sɛ abɔfra no twa nufoɔ+ ara pɛ a, mede no bɛkɔ, na wakɔpue Yehowa anim, na watena hɔ daa.”+ 23 Ɛnna ne kunu+ Elkana ka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛ deɛ ɛyɛ w’ani soɔ,+ na tena fie kɔsi sɛ wobɛtwa no nufoɔ. Yehowa asɛm ara na ɔmma no mmra mu.”+ Na ɔbaa no tenaa fie hwɛɛ ne ba kɔsii sɛ ɔtwaa no nufoɔ.+
24 Enti berɛ a ɔtwaa no nufoɔ no, ntɛm ara na ɔfaa no kaa ne ho, na ɔfaa nantwinini a wadi mfeɛ mmiɛnsa ne esiam efa baako ne bobesa+ ahina mã, na ɔde no baa Yehowa fie wɔ Silo.+ Ná abɔfra no ka ne ho. 25 Na wɔkum nantwinini no, na wɔde abɔfra no brɛɛ Eli.+ 26 Ɛnna ɔbaa no kaa sɛ: “Me wura, mepa wo kyɛw! Sɛ́ wo kra te aseɛ yi,+ me wura, mene ɔbaa a ɔbɛgyinaa wo nkyɛn ha bɔɔ Yehowa mpaeɛ no.+ 27 Abɔfra yi ho mpaeɛ na mebɔɔ sɛ Yehowa nyɛ m’abisadeɛ+ a mede too n’anim no mma me no.+ 28 Na me nso mede no rema Yehowa.+ Ne nna a ɔde bɛtena aseɛ nyinaa, mede no ama Yehowa.”
Na ɔkotoo Yehowa+ wɔ hɔ.