Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • 1 Samuel 17:55
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 55 Berɛ a Saul hunuu sɛ Dawid refiri adi akɔhyia Filistini no, ɔbisaa ɔsahene Abner+ sɛ: “Abner, hwan+ ba ne aberantewaa yi?”+ Na Abner kaa sɛ: “O ɔhene, sɛ́ wo kra te aseɛ yi, mennim!”

  • 1 Samuel 20:3
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 3 Nanso Dawid kaa ntam kaa ho,+ na ɔkaa sɛ: “Wo papa nim sɛ manya w’anim adom,+ enti ɔbɛka sɛ, ‘Mommma Yonatan nnhunu yei, anyɛ saa a, ɛbɛyɛ no ya.’ Nanso, sɛ́ Yehowa te aseɛ+ na wo kra nso te aseɛ yi,+ nammɔn pɛ na ɛda me ne owuo ntam!”+

  • 2 Samuel 11:11
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 11 Na Uria ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Adaka+ no ne Israel ne Yuda tete asese mu, na me wura Yoab ne me wura nkoa+ abobɔ nsraban wɔ wuram, na me deɛ, menkɔ me fie nkɔdidi na mennom na me ne me yere nna anaa?+ Sɛ́ wote aseɛ na wo kra nso te aseɛ yi,+ merenyɛ adeɛ a ɛte saa!”

  • 2 Ahemfo 2:2
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 2 Ɛnna Elia ka kyerɛɛ Elisa sɛ: “Mesrɛ wo, tena ha, na Yehowa asoma me sɛ menkɔ Betel.” Nanso Elisa kaa sɛ: “Sɛ́ Yehowa te aseɛ+ na wo kra nso te aseɛ+ yi, merennya wo.”+ Enti wɔsiane kɔɔ Betel.+

  • 2 Ahemfo 4:30
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 30 Ɛnna abɔfra no maame kaa sɛ: “Sɛ́ Yehowa te aseɛ+ na wo kra nso te aseɛ+ yi, merennya wo hɔ nkɔ.”+ Enti ɔsɔre ne ɔbaa no kɔeɛ.

  • Ɔsɛnkafoɔ 9:5
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 5 Na ateasefoɔ nim sɛ wɔbɛwuwu;+ awufoɔ deɛ, wɔnnim biribiara,+ na wɔnni akatua biara bio, ɛfiri sɛ nnipa nkae wɔn bio.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane