Numeri 10:33 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 33 Enti wɔfirii Yehowa bepɔ+ no ho tuu nnansa kwan, na Yehowa apam adaka+ no dii wɔn anim nnansa hwehwɛɛ baabi a wɔbɛsoɛ.+ Dwom 95:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Wɔn na mekaa wɔn ho ntam m’abufuo mu sɛ:+“Wɔrenhyɛn me home mu.”+ Yesaia 63:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Sɛdeɛ mmoa siane kɔ asasetamaa soɔ no, saa ara na Yehowa honhom maa wɔhomeeɛ.”+ Na wodii wo man anim maa wo din ho baa nyam.+ Hebrifoɔ 4:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Na sɛ Yosua+ dii wɔn anim kɔɔ homebea a,+ anka ɛno akyi no, Onyankopɔn renka+ da foforɔ ho asɛm.
33 Enti wɔfirii Yehowa bepɔ+ no ho tuu nnansa kwan, na Yehowa apam adaka+ no dii wɔn anim nnansa hwehwɛɛ baabi a wɔbɛsoɛ.+
14 Sɛdeɛ mmoa siane kɔ asasetamaa soɔ no, saa ara na Yehowa honhom maa wɔhomeeɛ.”+ Na wodii wo man anim maa wo din ho baa nyam.+