Deuteronomium 5:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Afei Mose frɛɛ Israelfoɔ nyinaa+ ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Israel, montie ahyɛdeɛ ne atemmusɛm+ a mereka agu mo asom nnɛ yi. Monsua na monni ne nyinaa so.+ Deuteronomium 8:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Hwɛ yie na wo werɛ amfiri+ Yehowa wo Nyankopɔn na woannane w’akyi ankyerɛ n’ahyɛdeɛ ne n’atemmusɛm ne ne mmara a merehyɛ wo nnɛ yi.+ 2 Ahemfo 17:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Yehowa nam n’adiyifoɔ+ nyinaa ne adehunufoɔ+ nyinaa so bɔɔ Israel+ ne Yuda+ kɔkɔ+ sɛ: “Monnane mfiri mo akwammɔne ho,+ na monni me mmara nsɛm+ ne m’ahyɛdeɛ+ so sɛdeɛ mmara+ a mede maa mo agyanom+ na menam me nkoa adiyifoɔ so de brɛɛ mo+ no teɛ”;
5 Afei Mose frɛɛ Israelfoɔ nyinaa+ ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Israel, montie ahyɛdeɛ ne atemmusɛm+ a mereka agu mo asom nnɛ yi. Monsua na monni ne nyinaa so.+
11 Hwɛ yie na wo werɛ amfiri+ Yehowa wo Nyankopɔn na woannane w’akyi ankyerɛ n’ahyɛdeɛ ne n’atemmusɛm ne ne mmara a merehyɛ wo nnɛ yi.+
13 Yehowa nam n’adiyifoɔ+ nyinaa ne adehunufoɔ+ nyinaa so bɔɔ Israel+ ne Yuda+ kɔkɔ+ sɛ: “Monnane mfiri mo akwammɔne ho,+ na monni me mmara nsɛm+ ne m’ahyɛdeɛ+ so sɛdeɛ mmara+ a mede maa mo agyanom+ na menam me nkoa adiyifoɔ so de brɛɛ mo+ no teɛ”;