9 Wɔn a wɔsene ahoni nyinaa yɛ nnipahunu,+ na mfasoɔ biara nni adeɛ a wɔn ani gye ho no so;+ wɔn adansefoɔ yi nhunu adeɛ na wɔnnim hwee,+ enti wɔn ani bɛwu.+
4 Afei ɛdefa nnuane a wɔde abɔ afɔdeɛ ama abosom a obi bɛdie+ ho deɛ, yɛnim sɛ bosom nyɛ hwee+ wɔ wiase, na Onyankopɔn biara nso nni hɔ sɛ baako no ara.+