Mmebusɛm 8:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Yehowa suro ne bɔne tan.+ Ahomasoɔ ne ahantan+ ne ɔkwammɔne ne nkontompo ano+ deɛ, mekyiri. Ɔsɛnkafoɔ 12:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Asɛm no awieeɛ, deɛ yɛateɛ nyinaa ne sɛ: Suro nokorɛ Nyankopɔn+ no na di ne mmara nsɛm so.+ Na yei ne onipa asɛdeɛ. Yeremia 10:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 O amanaman Hene,+ hwan na ɔrensuro woɔ,+ ɛfiri sɛ wofata. Amanaman no anyansafoɔ nyinaa ne wɔn ahennie nyinaa mu no, obiara nni hɔ a ɔte sɛ woɔ.+ Daniel 6:26 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 26 Mahyɛ mmara+ sɛ m’ahennie a medi so tumi nyinaa mu no, obiara ho mpopo na ɔnsuro Daniel Nyankopɔn no,+ ɛfiri sɛ ɔno ne Onyankopɔn teasefoɔ a ɔwɔ hɔ daa,+ na n’ahennie+ yɛ deɛ ɛnsɛe da,+ na ne tumi bɛtena hɔ akɔsi daa.+
13 Asɛm no awieeɛ, deɛ yɛateɛ nyinaa ne sɛ: Suro nokorɛ Nyankopɔn+ no na di ne mmara nsɛm so.+ Na yei ne onipa asɛdeɛ.
7 O amanaman Hene,+ hwan na ɔrensuro woɔ,+ ɛfiri sɛ wofata. Amanaman no anyansafoɔ nyinaa ne wɔn ahennie nyinaa mu no, obiara nni hɔ a ɔte sɛ woɔ.+
26 Mahyɛ mmara+ sɛ m’ahennie a medi so tumi nyinaa mu no, obiara ho mpopo na ɔnsuro Daniel Nyankopɔn no,+ ɛfiri sɛ ɔno ne Onyankopɔn teasefoɔ a ɔwɔ hɔ daa,+ na n’ahennie+ yɛ deɛ ɛnsɛe da,+ na ne tumi bɛtena hɔ akɔsi daa.+