Deuteronomium 6:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Ɛbɛma moasuro+ Yehowa mo Nyankopɔn na mo ne mo mma ne mo mmanana+ adi n’ahyɛdeɛ ne ne mmara a merekyerɛkyerɛ mo yi nyinaa so mo nkwa nna nyinaa na mo nna aware.+ Dwom 119:35 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 35 Ma mennante wo mmara nsɛm kwan so,+Ɛfiri sɛ ɛno na m’ani gye ho.+ 1 Petro 2:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 Monni nnipa nyinaa ni,+ monnɔ anuanom nyinaa,+ monsuro Nyankopɔn,+ monni ɔhene ni.+ 1 Yohane 5:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Na yei ne deɛ Onyankopɔn dɔ+ kyerɛ, sɛ yɛbɛdi n’ahyɛdeɛ soɔ;+ na n’ahyɛdeɛ nyɛ den,+
2 Ɛbɛma moasuro+ Yehowa mo Nyankopɔn na mo ne mo mma ne mo mmanana+ adi n’ahyɛdeɛ ne ne mmara a merekyerɛkyerɛ mo yi nyinaa so mo nkwa nna nyinaa na mo nna aware.+