13 ɛnneɛ monhyɛ no nso sɛ Yehowa mo Nyankopɔn renkɔ so mpamo aman yi mfiri mo anim.+ Na wɔbɛdane fidie ama mo na wɔabɛyɛ mpire wɔ mo akyi+ ne nkasɛɛ wɔ mo aniwa mu akɔsi sɛ mo ase bɛtɔre afiri asase pa a Yehowa mo Nyankopɔn de ama mo yi soɔ.+
24 Hwan na ɔmaa kwan maa wɔfom Yakob na ɔde Israel hyɛɛ adwotwafoɔ nsa? Ɛnyɛ Yehowa, deɛ wɔayɛ bɔne atia no no, deɛ wɔamfa n’akwan soɔ no, deɛ wɔantie ne mmara no?+