45 “Na nnome+ yi nyinaa bɛtĩ wo abɛto wo akɔsi sɛ w’ase bɛhyeɛ,+ ɛfiri sɛ woantie Yehowa wo Nyankopɔn asɛm anni n’ahyɛdeɛ ne ne mmara a ɔde ama woɔ yi so.+
14 Ɛnna Yuda hene Hesekia soma kɔɔ Asiria hene nkyɛn wɔ Lakis sɛ: “Mayɛ bɔne. San firi me so, na deɛ wode bɛto me soɔ biara, mɛtua.”+ Enti Asiria hene kaa sɛ Yuda hene Hesekia ntua dwetɛ dwetikɛseɛ+ ahasa ne sika dwetikɛseɛ aduasa.
24 Na yɛrema moahunu sɛ asɔfoɔ+ ne Lewifoɔ,+ nnwontofoɔ,+ apono ano ahwɛfoɔ,+ Netinimfoɔ,+ ne Onyankopɔn fie yi adwumayɛfoɔ nyinaa, monni ho kwan sɛ mogye wɔn hɔ toɔ, amanneɛ,+ anaa akwan so toɔ+ biara.