-
Exodus 4:14-16Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
14 Ɛnna Yehowa bo fuu Mose, na ɔkaa sɛ: “Wo nua Lewini Aaron+ nni hɔ anaa? Menim sɛ n’ano ate paa. Na ɔnam kwan so mpo rebɛhyia wo. Sɛ ɔhu wo a, n’ani bɛgye wɔ n’akomam.+ 15 Wo ne no nkasa na fa asɛm no hyɛ n’ano,+ na sɛ worekasa a, mɛka wo ho, na ɔno nso rekasa a, mɛka ne ho,+ na mɛkyerɛ mo deɛ monyɛ. 16 Ɔbɛsi w’ananmu ne nkurɔfoɔ no akasa; ɔbɛyɛ wo kyeame, na wo nso woayɛ sɛ Onyankopɔn ama no.*+
-
-
Exodus 15:20Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
20 Ɛnna odiyifoɔbaa Miriam a ɔyɛ Aaron nua no faa mpintin kuraeɛ, na mmaa no nyinaa de mpintin ne asa dii n’akyi.
-