7 Berɛ a Yehowa akoa Mose somaa me firii Kades-Barnea sɛ menkɔhwɛ asaase no,+ na madi mfeɛ 40, na mesan bae de asɛm a ɛwom biara bɛtoo n’anim.+ 8 Me nuanom a me ne wɔn kɔeɛ no maa nnipa no akoma tui; nanso me deɛ, mede m’akoma nyinaa dii Yehowa me Nyankopɔn akyi.+