6 Ɛnna ɔhene ne ne mmarima kɔɔ Yerusalem sɛ wɔne Yebusifoɔ+ a wɔtete asaase no so no rekɔko, nanso wɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Worentumi mma ha da! Anifirafoɔ ne mpakye na wɔbɛpamo wo.” Adwene a wɔnyaeɛ ne sɛ: ‘Dawid remma ha.’+ 7 Nanso, Dawid ko faa Sion abandenden a seesei wɔfrɛ hɔ Dawid Kuro no.+