24 Nanso ɛsiane sɛ m’akoa Kaleb+ da nso,* na wakɔ so de n’akoma nyinaa adi m’akyi nti, deɛ ɛteɛ biara mede no bɛkɔ asaase a ɔkɔhwɛɛ so no so, na ɛbɛyɛ n’asefoɔ dea.+
9 Saa da no, Mose kaa ntam sɛ: ‘Asaase a wode wo nan sii so no bɛyɛ wo ne wo mma agyapadeɛ daa, ɛfiri sɛ wode w’akoma nyinaa adi Yehowa me Nyankopɔn akyi.’+