30 Na Kaleb kasa kyerɛɛ ɔman no berɛ a wɔgyina Mose anim no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn akoma bɛtɔ wɔn yam. Ɔkaa sɛ: “Momma yɛmforo nkɔ seesei ara, na ɛkwan biara so yɛbɛdi wɔn so nkonim afa asaase no.”+
65 Deɛ enti a ɛte saa ne sɛ, na Yehowa aka afa wɔn ho sɛ: “Sɛdeɛ ɛteɛ biara, wɔbɛwuwu wɔ serɛ no so.”+ Enti wɔn mu ɔbarima baako mpo anka, gye Yefune ba Kaleb ne Nun ba Yosua.+