-
Genesis 12:1-3Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
12 Na Yehowa ka kyerɛɛ Abram sɛ: “Firi w’asaase so ne w’abusuafoɔ mu ne w’agya fie kɔ asaase a mɛkyerɛ wo no so.+ 2 Mɛyɛ wo ɔman kɛseɛ, na mɛhyira wo ama wo din ayɛ kɛseɛ, na wobɛyɛ nhyira ama nkurɔfoɔ.+ 3 Mɛhyira wɔn a wɔhyira wo, na mɛdome obiara a ɔdome wo,+ na ɛkwan biara so asaase so mmusua nyinaa nam wo so bɛnya nhyira.”*+
-
-
Genesis 22:15Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
15 Yehowa bɔfoɔ firi soro frɛɛ Abraham ne mprenu so,
-
-
Genesis 26:3, 4Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
3 Tena asaase no so sɛ hɔhoɔ,+ na mɛka wo ho na mahyira wo berɛ nyinaa, na wo ne w’asefoɔ* na mede nsaase yi nyinaa bɛma mo,+ na mɛma ntam yi a mekaa wo papa Abraham no aba mu:+ 4 ‘Mɛma w’asefoɔ* ayɛ bebree te sɛ ɔsoro nsoromma,+ na mede nsaase yi nyinaa bɛma w’asefoɔ;*+ na asaase so aman nyinaa nam w’asefoɔ* so bɛnya nhyira,’+
-