13 Enti Yehowa bo fuu Israel dendeenden, na ɔmaa wɔkyinkyinii serɛ so mfeɛ 40+ kɔsii sɛ awoɔ ntoatoasoɔ a wɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne no nyinaa ase hyeeɛ.+
38 Na ɔsɔfoɔ Aaron foro kɔɔ Hor Bepɔ so, sɛdeɛ Yehowa kaeɛ no, na ɔwuu wɔ hɔ. Wei yɛ berɛ a Israelfoɔ firii Egypt asaase so no afe a ɛtɔ so 40, bosome a ɛtɔ so nnum, bosome no da a ɛdi kan.+