Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Numeri 14:33
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 33 Na mo mma bɛyɛ nnwanhwɛfoɔ wɔ serɛ no so mfeɛ 40,+ na nokorɛ a moanni* no, wɔbɛtua ho ka akɔsi sɛ mo mu deɛ ɔtwa toɔ bɛwu atɔ serɛ yi so.+

  • Deuteronomium 29:5
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 5 ‘Berɛ a mede mo faa serɛ so mfeɛ 40 no,+ mo ho ntaadeɛ antete, na mo nan ase mpaboa anhi.+

  • Yosua 5:6
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 6 Israelfoɔ no nantee serɛ no so mfeɛ 40+ kɔsii sɛ ɔman no nyinaa, kyerɛ sɛ, mmarima a wɔbɛtumi akɔ ɛko a wɔfiri Egypt baeɛ a wɔantie Yehowa no nyinaa ase hyeeɛ.+ Yehowa kaa wɔn ntam sɛ ɔremma wɔnhunu asaase a Yehowa kaa wɔn agyanom ntam sɛ ɔde bɛma yɛn no da,+ asaase a nufosuo ne ɛwoɔ abu so wɔ so no.+

  • Dwom 95:10
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 10 Awoɔ ntoatoasoɔ yi ho yɛɛ me abofono mfeɛ 40, na mekaa sɛ:

      “Wɔyɛ ɔman a daa wɔfom kwan wɔ wɔn akoma mu,

      Na wɔnhuu m’akwan.”

  • Asomafoɔ Nnwuma 13:18
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 18 Na bɛyɛ mfeɛ 40 no, ɔnyaa wɔn ho aboterɛ wɔ serɛ no so.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane