Yosua
5 Amorifoɔ+ ahemfo a wɔwɔ Yordan agya wɔ atɔeɛ fam* no nyinaa, ne Kaanan+ ahemfo a wɔtete po ho no nyinaa tee sɛ Yehowa maa Yordan nsuo no wee wɔ Israelfoɔ no anim kɔsii sɛ wɔn nyinaa twaeɛ. Wɔtee ara pɛ na wɔn akoma tuiɛ,*+ na Israelfoɔ no nti wɔbɔɔ hu paa.*+
2 Saa berɛ no, Yehowa ka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Fa aboɔ a ano yɛ nnam yɛ nsekan na twa Israel mmarima twetia*+ bio, deɛ ɛtɔ so mmienu.” 3 Enti Yosua de aboɔ yɛɛ nsekan de twaa Israel mmarima no twetia wɔ Gibeat-Haaralot.*+ 4 Deɛ enti a Yosua twaa wɔn twetia ne sɛ: Ɔman a wɔfiri Egypt baeɛ no mu mmarima nyinaa, mmarima a wɔbɛtumi akɔ ɛko* no nyinaa wuwuu ɛkwan so wɔ serɛ no so berɛ a wɔfirii Egypt no.+ 5 Wɔn a wɔfiri Egypt baeɛ no nyinaa deɛ, na wɔatwa wɔn twetia dada. Nanso berɛ a wɔfirii Egypt no, wɔn a wɔwoo wɔn kwan so wɔ serɛ so no nyinaa deɛ, na wɔntwaa wɔn twetia. 6 Israelfoɔ no nantee serɛ no so mfeɛ 40+ kɔsii sɛ ɔman no nyinaa, kyerɛ sɛ, mmarima a wɔbɛtumi akɔ ɛko a wɔfiri Egypt baeɛ a wɔantie Yehowa no nyinaa ase hyeeɛ.+ Yehowa kaa wɔn ntam sɛ ɔremma wɔnhunu asaase a Yehowa kaa wɔn agyanom ntam sɛ ɔde bɛma yɛn no da,+ asaase a nufosuo ne ɛwoɔ abu so wɔ so no.+ 7 Enti ɔmaa wɔn mma bɛsii wɔn anan.+ Weinom na Yosua twaa wɔn twetia. Ná wɔntwaa twetia ɛfiri sɛ wɔantwa wɔn twetia wɔ kwan so.
8 Berɛ a wɔtwaa ɔman no nyinaa twetia wieeɛ no, wɔtenaa wɔn asoɛeɛ hɔ kɔsii sɛ wɔn ho tɔɔ wɔn.
9 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Ɛnnɛ mapia Egypt animguaseɛ nyinaa afiri mo so.” Enti wɔtoo hɔ din Gilgal,*+ na wɔfrɛ hɔ saa de bɛsi nnɛ.
10 Israelfoɔ no kɔɔ so tenaa Gilgal, na bosome no da a ɛtɔ so 14 anwummerɛ no, wɔdii Twam no+ wɔ Yeriko serɛ no so. 11 Berɛ a wɔdii Twam no a adeɛ kyeeɛ no, saa da no ara na wɔfirii aseɛ dii asaase no so nnɔbaeɛ, paanoo a mmɔka* nnim+ ne nkyeweɛ. 12 Na da a wɔdii asaase no so nnɔbaeɛ no bi no, adeɛ kyeeɛ ara na mana no gyaee tɔ, na Israelfoɔ annya mana bio.+ Saa afe no, wɔfirii aseɛ dii Kaanan asaase no so nnɔbaeɛ no bi.+
13 Berɛ a Yosua wɔ Yeriko mpɔtamu hɔ baabi no, ɔmaa n’ani so hunuu sɛ ɔbarima bi+ atwe sekan gyina n’anim.+ Ɛnna Yosua kɔɔ ne nkyɛn kɔbisaa no sɛ: “Wowɔ yɛn afã anaa yɛn atamfo afã?” 14 Ɔbarima no buaa sɛ: “Daabi, mmom maba sɛ Yehowa safohene.”*+ Ɛnna Yosua bɔɔ ne mu ase de n’anim butuu fam bisaa no sɛ: “Asɛm bɛn na me wura wɔ ma n’akoa?” 15 Na Yehowa safohene no ka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Yi wo nan ase mpaboa, ɛfiri sɛ baabi a wogyina no yɛ kronkron.” Ntɛm ara na Yosua yɛɛ saa.+