11 Saa berɛ no, na Basan hene Og nko ara ne Refaimni a waka. Mpa a wɔde ne funu too so no, dadeɛ* na wɔde yɛeɛ. Mpa yi da so si Ammonfoɔ kuro Raba. Sɛ wɔsusu no basafa* mu sɛdeɛ obiara nim no a, ne tenten yɛ basafa nkron, na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa nnan.
6 Ɛko sii bio wɔ Gat;+ ná ɔbarima tenten kɛseɛ bi+ wɔ hɔ a ne nsa mmienu no nyinaa wɔ nsateaa 6, na na ne nan mmienu no nyinaa nso wɔ nansoaa 6; ne nyinaa si 24. Ɔno nso, na ɔfiri Refaim+ asefoɔ mu.