-
Atemmufoɔ 11:17, 18Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
17 Na Israel somaa nkurɔfoɔ kɔɔ Edom hene nkyɛn+ kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛpa wo kyɛw, ma yɛmfa w’asaase so,” nanso Edom hene ampene. Wɔsoma kɔɔ Moab hene nso nkyɛn,+ na ɔno nso ampene. Enti Israelfoɔ kɔɔ so tenaa Kades.+ 18 Berɛ a wɔnam serɛ so no, wɔtwa faa Edom asaase ne Moab asaase ho.+ Wɔfaa Moab asaase no apueeɛ fam,+ na wɔkɔsoɛɛ Arnon mpɔtamu. Wɔantra amma Moab asaase so,+ ɛfiri sɛ na Arnon da Moab hyeɛ so.
-