26 Na wɔbaa Mose ne Aaron ne Israel asafo no nyinaa anim wɔ Paran serɛ so wɔ Kades.+ Na wɔbɛkaa deɛ wɔhunuiɛ kyerɛɛ wɔn ne asafo no nyinaa, na wɔde asase no so aba kyerɛɛ wɔn.
23 Na berɛ a Yehowa somaa mo firi Kades-Barnea+ sɛ, ‘Monkɔfa asase a mede ama mo!’ no nso, motee Yehowa mo Nyankopɔn so atua,+ na moannye no anni+ na moantie no.+
7 Berɛ a Yehowa akoa Mose somaa me firi Kades-Barnea sɛ menkɔhwɛ asase no,+ na madi mfeɛ aduanan, na mesan ba de asɛm a ɛwom biara bɛtoo n’anim, deɛ ɛwɔ m’akomam biara.+