21 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Sɛ wonya kɔduru Egypt a, hwɛ sɛ wobɛyɛ anwanwadeɛ a mede ahyɛ wo nsa no nyinaa wɔ Farao anim.+ Na mɛma no apirim n’akoma;+ na ɔremma ɔman no kwan nkɔ.+
17 Na mɛma Egyptfoɔ no apirim wɔn akoma+ na wɔatĩ Israelfoɔ no, na mede Farao ne n’asraafoɔdɔm, ne ne nteaseɛnam ne n’apɔnkɔsotefoɔ bɛhyɛ me ho animuonyam.+
13 Ɔhene Nebukadnesar a ɔmaa no kaa Onyankopɔn ntam+ no mpo, ɔtee ne so atua;+ ɔkɔɔ so senee+ ne kɔn na ɔmaa n’akoma yɛɛ den,+ na wansan amma Yehowa, Israel Nyankopɔn nkyɛn.