21 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Sɛ wonya kɔduru Egypt a, hwɛ sɛ wobɛyɛ anwanwadeɛ a mede ahyɛ wo nsa no nyinaa wɔ Farao anim.+ Na mɛma no apirim n’akoma;+ na ɔremma ɔman no kwan nkɔ.+
27 Ɛfiri sɛ ɔman yi akoma apirim, na wɔde wɔn aso tie kwa, na wɔakata wɔn ani; na wɔamfa wɔn ani anhunu amfa wɔn aso antie na wɔamfa wɔn akoma ante aseɛ na wɔansakra amma mansa wɔn yareɛ.”’+