Exodus 31:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Afei berɛ a ɔne Mose kasa wiee wɔ Bepɔ Sinai soɔ no, ɔde Adanseɛ apono mmienu+ maa Mose, aboɔpono a Onyankopɔn de ne nsateaa+ atwerɛ soɔ. Mateo 12:28 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 28 Nanso sɛ mede Onyankopɔn honhom na ɛtu adaemone a, ɛnneɛ na Onyankopɔn ahennie anya ato mo.+ Luka 11:20 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 20 Na sɛ menam Onyankopɔn nsateaa+ so na ɛtu adaemone a, ɛnneɛ Onyankopɔn ahennie anya ato mo.+
18 Afei berɛ a ɔne Mose kasa wiee wɔ Bepɔ Sinai soɔ no, ɔde Adanseɛ apono mmienu+ maa Mose, aboɔpono a Onyankopɔn de ne nsateaa+ atwerɛ soɔ.