8 Ɛnna Farao frɛɛ Mose ne Aaron ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monsrɛ Yehowa+ na ɔmma mpɔtorɔ no mfiri me ne me man so nkɔ, na afei deɛ mɛma nkurɔfoɔ no kwan ama wɔakɔbɔ afɔdeɛ ama Yehowa.”+
19 Na ɔman no nyinaa ka kyerɛɛ Samuel sɛ: “Bɔ Yehowa, wo Nyankopɔn mpaeɛ+ ma wo nkoa, na yɛmpɛ sɛ yɛwuwuo, ɛfiri sɛ yɛn bɔne nyinaa akyi no, yɛadi amumuyɔsɛm abisa ɔhene.”