Exodus 8:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Ɛnna Farao frɛɛ Mose ne Aaron ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monsrɛ Yehowa+ na ɔmma mpɔtorɔ no mfiri me ne me man so nkɔ, na afei deɛ mɛma nkurɔfoɔ no kwan ama wɔakɔbɔ afɔdeɛ ama Yehowa.”+ Exodus 8:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Berɛ a Farao hunuu sɛ ahotɔ aba no, ɔpirim n’akoma,+ na wantie wɔn sɛdeɛ Yehowa kaeɛ no.+ Dwom 78:36 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 36 Nanso wɔde wɔn ano dɛfɛdɛfɛɛ no;+Wɔde wɔn kɛtrɛma twaa no nkontompo.+ Galatifoɔ 6:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Mommma wɔnnnaadaa mo:+ Onyankopɔn nyɛ obi a wɔsi no atwetweɛ.+ Na deɛ onipa guo no, ɛno ara na ɔbɛtwa;+
8 Ɛnna Farao frɛɛ Mose ne Aaron ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monsrɛ Yehowa+ na ɔmma mpɔtorɔ no mfiri me ne me man so nkɔ, na afei deɛ mɛma nkurɔfoɔ no kwan ama wɔakɔbɔ afɔdeɛ ama Yehowa.”+
7 Mommma wɔnnnaadaa mo:+ Onyankopɔn nyɛ obi a wɔsi no atwetweɛ.+ Na deɛ onipa guo no, ɛno ara na ɔbɛtwa;+