44 Mofiri mo agya Ɔbonsam hɔ,+ na mopɛ sɛ moyɛ mo agya no apɛdeɛ.+ Ɔno na ɔyɛ wudini firi mfitiaseɛ,+ na wannyina nokorɛ no mu, ɛfiri sɛ nokorɛ nni ne mu. Sɛ ɔka atosɛm a, ɛfiri ɔno ara ne suban, ɛfiri sɛ ɔyɛ ɔtorofoɔ ne atorɔ agya.+
3 Nanso mesuro sɛ ɛkwan bi soɔ no sɛdeɛ ɔwɔ no de n’aniteɛ daadaa Hawa no,+ saa ara na mo nso wɔbɛsɛe mo adwene+ afiri nokorɛdie ne kronnyɛ a ɛsɛ Kristo+ no ho.
2 na emu na berɛ bi monantee sɛdeɛ wiase nhyehyɛeɛ+ yi teɛ, sɛdeɛ mframa a ɛrebɔ no panin+ no tumi teɛ; ɛno ne honhom+ a seesei ɛyɛ adwuma wɔ asoɔden mma+ mu no.