8 Adeɛ kyee anɔpa no, na ne ho yera no.+ Enti ɔsoma kɔfrɛɛ Egypt akɔmfoɔ+ ne anyansafoɔ nyinaa baeɛ,+ na Farao kaa ne daeɛ no kyerɛɛ wɔn.+ Nanso wɔn mu biara antumi ankyerɛ Farao aseɛ.
11 Soan+ mpanimfoɔ nyinaa yɛ nkwaseafoɔ. Na Farao afotufoɔ mu anyansafoɔ afotuo yɛ nsɛnhunu nko ara.+ Ɛbɛyɛ dɛn na mo mu bi atumi aka akyerɛ Farao sɛ: “Anyansafoɔ ba ne me, tete ahemfo ba ne me”?
9 “‘“‘Na mo deɛ, mo adiyifoɔ+ ne mo akɔmfoɔ ne mo adaeɛsofoɔ+ ne mo nkonyaayifoɔ ne mo asumanfoɔ+ a wɔka kyerɛ mo sɛ: “Morensom Babilon hene”+ no, monntie wɔn.
2 Enti ɔhene kaa sɛ wɔnkɔfrɛ akɔmfoɔ+ ne nkonyaayifoɔ ne asumanfoɔ ne Kaldeafoɔ no mmra na wɔmmɛka ɔhene adaeɛ no nkyerɛ no.+ Na wɔba bɛgyinagyinaa ɔhene anim.
8 Nanso ahufoɔ ne wɔn a wɔnni gyidie+ ne wɔn a wɔn ho nteɛ a wɔyɛ atantanneɛ+ ne awudifoɔ+ ne adwamammɔfoɔ+ ne wɔn a wɔdi ahonhonsɛm ne abosonsomfoɔ+ ne atorofoɔ+ nyinaa deɛ, wɔbɛnya wɔn kyɛfa wɔ tadeɛ a egya+ ne sɔfe+ dɛre mu no mu. Yei ne owuprenu no.”+