Exodus 4:21 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 21 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Sɛ wonya kɔduru Egypt a, hwɛ sɛ wobɛyɛ anwanwadeɛ a mede ahyɛ wo nsa no nyinaa wɔ Farao anim.+ Na mɛma no apirim n’akoma;+ na ɔremma ɔman no kwan nkɔ.+ Exodus 8:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Berɛ a Farao hunuu sɛ ahotɔ aba no, ɔpirim n’akoma,+ na wantie wɔn sɛdeɛ Yehowa kaeɛ no.+ Exodus 9:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Nanso Yehowa maa Farao pirim n’akoma na wantie wɔn, sɛdeɛ na Yehowa aka akyerɛ Mose no.+ Romafoɔ 9:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Enti deɛ ɔpɛ na ɔhu no mmɔbɔ,+ na deɛ ɔpɛ nso na ɔma no sene ne kɔn.+
21 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Sɛ wonya kɔduru Egypt a, hwɛ sɛ wobɛyɛ anwanwadeɛ a mede ahyɛ wo nsa no nyinaa wɔ Farao anim.+ Na mɛma no apirim n’akoma;+ na ɔremma ɔman no kwan nkɔ.+