22 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Tene wo nsa+ kyerɛ soro ma asukɔtweaa+ ntɔ ngu Egypt asase nyinaa so, nnipa ne mmoa ne afifideɛ nyinaa so wɔ Egypt asase so.”
12 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Tene+ wo nsa wɔ Egypt asase so ma ntutummɛ mmra Egypt asase nyinaa so, na wɔmmɛdi asase no so nhahan ne afifideɛ nyinaa, deɛ asukɔtweaa no ansɛe no biara.”+
21 Afei Mose de ne poma no kyerɛɛ po no so+ na Yehowa maa apueeɛ mframa denden bɔɔ anadwo no nyinaa, na ɛpiaa nsuo no kɔɔ akyire maa ɛpo no ase danee asase kesee.+ Na nsuo no mu paee mmienu.+