Exodus 9:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Na Yehowa bɛma nsonsonoeɛ abɛda Israel nyɛmmoa ne Egypt nyɛmmoa ntam, na Israelfoɔ mmoa no mu baako mpo renwu.”’”+ Exodus 9:26 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 26 Gosen asaase a na Israelfoɔ wɔ so no nko ara na asukɔtweaa no antɔ wɔ hɔ.+ Exodus 10:23 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 23 Obiara anhu ne yɔnko anim, na obiara antumi ampue nnansa; nanso baabi a Israelfoɔ teɛ no deɛ, na hann wɔ hɔ.+ Exodus 12:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Na efie biara a mowɔ mu no, mogya no bɛyɛ sɛnkyerɛnne ama mo. Sɛ mehu mogya no a, mɛtwam akɔ, na sɛ mede ɔsɛeɛ ba Egypt asaase so a, ebi renka mo.+
4 Na Yehowa bɛma nsonsonoeɛ abɛda Israel nyɛmmoa ne Egypt nyɛmmoa ntam, na Israelfoɔ mmoa no mu baako mpo renwu.”’”+
23 Obiara anhu ne yɔnko anim, na obiara antumi ampue nnansa; nanso baabi a Israelfoɔ teɛ no deɛ, na hann wɔ hɔ.+
13 Na efie biara a mowɔ mu no, mogya no bɛyɛ sɛnkyerɛnne ama mo. Sɛ mehu mogya no a, mɛtwam akɔ, na sɛ mede ɔsɛeɛ ba Egypt asaase so a, ebi renka mo.+